Exodus 8

Mpɔtorɔ Pii Ba

1Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kɔ Farao hɔ bio na kɔka kyerɛ no se, ‘Awurade se, Ma me nkurɔfo no kwan na wɔnkɔsom me. 2Sɛ woampene so amma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ abɛhyɛ asase no so ma. 3Mpɔtorɔ bɛhyɛ Asubɔnten Nil ma. Wɔbɛba wʼahemfi, na wɔakɔ mo mpia mu, na afoforo akɔ mo mpa so, mo nkurɔfo ne mpanyimfo afi mu, ne mo fononoo ne nea mode fɔtɔw asikresiam nyinaa amaama. 4Mpɔtorɔ no bɛba mo nkurɔfo ne mpanyimfo nyinaa so.’ ”

5Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa pema no nkyerɛ nsubɔnten, nsuwa ne atare a ɛwɔ Misraim nyinaa so sɛnea ɛbɛyɛ a, mpɔtorɔ bebu so wɔ ɔman no afanan nyinaa.”

6Aaron teɛɛ ne nsa wɔ Misraim nsu so maa mpɔtorɔ bɛhyɛɛ ɔman no mu nyinaa ma tɔ. 7Nanso nkonyaayifo no nso yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ baa asase no so.

8Afei, Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔsrɛ Awurade na onyi mpɔtorɔ no mfi asase yi so, na mɛma mo nkurɔfo no kwan na wɔakɔbɔ no afɔre.”

9Mose nso ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛ me bere ko a wopɛ sɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpae ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu wɔ baabiara wɔ bere a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara.”

10Farao kae se, “Monyɛ no ɔkyena nko ara.”

Mose buae se, “Mate, ɛbɛba mu sɛnea woaka no na ama woahu sɛ obiara nni hɔ sɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, no nko ara.
11Mpɔtorɔ no nyinaa bewuwu ama aka wɔn a wɔwɔ asubɔnten no mu no.”

12Mose ne Aaron fii Farao anim kɔe. Mose kɔsrɛɛ Awurade sɛ onyi mpɔtorɔ a ɔde wɔn abegu Farao so no. 13Awurade tiee Mose nkotosrɛ no. Mpɔtorɔ wuwu hyɛɛ ɔman no mu ne afi mu ma tɔ. 14Wɔboaboaa mpɔtorɔ a wɔawuwu no ano akuw akɛseakɛse maa ɔman no mu bɔn yiye. 15Nanso Farao huu sɛ mpɔtorɔ no kɔ no, ɔsan pirim ne koma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛnea Awurade aka ato hɔ no.

Mfutuma Dan Ntontom

16Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron se, ‘Teɛ wo pema no bɔ fam mfutuma na ɛbɛdan ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.’ ” 17Mose ne Aaron yɛɛ nea Awurade hyɛɛ wɔn no maa ntontom bɛhyɛɛ ɔman mu no ne mu nnipa ne wɔn nyɛmmoa so ma tɔ. Misraim mfutuma nyinaa dan ntontom. 18Nkonyaayifo no pɛɛ sɛ wɔn nso de wɔn anyankamade yɛ saa ara, nanso wɔantumi. 19Nkonyaayifo no kyerɛɛ Farao se, “Eyi de Onyankopɔn nsa wɔ mu.” Nanso Farao pirim ne koma enti wantie wɔn sɛnea Awurade aka ato hɔ no.

Nwansena Ba Manyamanya

20Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɔre anɔpatutuutu kohyia Farao bere a ɔrekɔ asubɔnten no mu no na, ka akyerɛ no se, ‘Awurade se: Ma me nkurɔfo nkɔ na wɔnkɔsom me. 21Na sɛ woamma me nkurɔfo ankɔ a, mɛma nwansena agye Misraim afa. Mo afi mu ne asase no nyinaa bɛyɛ nwansena manyamanya.

22“ ‘Na nsonoe kɛse bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfo no te so no ntam, efisɛ nwansena biara renkɔ hɔ. Na ɛbɛma woahu sɛ, me Awurade mewɔ asase yi so. 23Na mɛma wo nkurɔfo ho ada nsow afi me nkurɔfo ho. Saa nsɛnkyerɛnne yi besi ɔkyena.’ ”

24Awurade yɛɛ nea ɔkae no, enti nwansena bebu faa ɔman no so maa bi kɔhyɛɛ Farao ahemfi ne Misraim afi nyinaa mu amaama.

25Na Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔbɔ afɔre mma mo Nyankopɔn wɔ ɔman yi ara mu.”

26Nanso Mose kae se, “Saa de, ɛrenyɛ ye. Yɛn afɔre a yɛbɔ ma Onyankopɔn no yɛ Misraimfo no ani so akyiwade, so wɔrensiw yɛn abo ana? 27Ɛsɛ sɛ yetu nnansa kwan kɔ sare so, na yɛkɔbɔ afɔre ma Awurade, yɛn Nyankopɔn, sɛnea ɔhyɛ yɛn no.”

28Farao kae se, “Mɛma mo kwan akɔ sare so akɔbɔ afɔre, na mmom, monnkɔ akyiri. Afei, mommɔ mpae mma me.”

29Mose buae se, “Sɛ mifi ha pɛ a, mɛbɔ Awurade mpae na ɔkyena nwansena bebrebe no ase bɛtɔre afi wo, wo mpanyimfo ne wo nkurɔfo so. Nanso Farao nhwɛ yiye sɛ ɔrennaadaa bio a ɔremma nnipa no nkɔ nkɔbɔ afɔre mma Awurade.”

30Enti Mose fii Farao nkyɛn kɔbɔɔ Awurade mpae, 31na Awurade yɛɛ Mose abisade no. Nwansena no nyinaa ase tɔre fii Farao ne ne mpanyimfo so; anka ɔbaako mpo. 32Nanso Farao san pirim ne koma a wamma nnipa no ankɔ.
Copyright information for TwiAKNA